Akosua(pronunciation of "Akosua" (help·info)) yɛ kradin[1] a yɛde frɛ ɔbaa biara wɔwoo no Kwasiada wɔ Akanman mu ne titire ne Asantefoɔ a wɔwɔ Ghana.[1][2] Sɛ yɛwo bɛrima bi Kwasiada a yɛfrɛ no AKwasi.[1][2]
Kradin yɛ edin a yɛde to obi wɔ da a yɛde woo no mu. Krada nso yɛ ɛda a yɛde woo obi. Wɔ Akanfoɔ amammerɛ mu no, yɛhu ɛnna din no sɛ yɛ nya firii anyame bi din mu. Yɛnyaa edin Akosua firii edin Koyasi mu ne deɛ brɔfo kasa mu no yɛfrɛ no (Lord of life Descent deity of the day Sunday).[3] Ne mmrane ne Dampo a asekyerɛ ahoɔhare anaa ntɛmyɛ.[1][2] Ne mmrane no nnyeso ne Awusi.[1] Akanfoɔ wɔ gyidie bi sɛ Akosua gyina hɔ ma awia na ɛkyɛre sɛ ogya.[1]
Akanfoɔ pii no ara wɔ sedeɛ wɔn si frɛ edin Akosua. Pono yi kyerɛ sedeɛ Akanfoɔ dodoɔ no ara si frɛ edin Akosua ne ne Mmarima din.
Akan kasa | Mmaa din | Mmarima din |
---|---|---|
Asantefoɔ | Akosua | Akwasi |
Akuapemfoɔ | Akosua | Akwasi |
Fantefoɔ | Akosua/Esi | Kwesi |
Akosua Agyapong; ɔyɛ dwomtoni wɔ Ghana.[4][5]
Akosua Busia; ɔyɛ sinitwafoɔ.[6][7]
Akosua Puni Essien; ɔyɛ Ghana bɔɔlobɔni Micheal Essien yere.[8][9]
{{citation}}
: CS1 maint: archived copy as title (link)