Kobla Ladzekpo yɛ kɔfabae ne kwankyerɛfoɔ ma Zadonu African Music ne Dance Company. Ɔsane nso yɛ kwankyerefoɔ kuo ba ma Cal Arts African Music ne Dance Ensemble a ɔsan kyerɛkyerɛ Afrika Atɔeɛ Fam nnwom ne asa no kwankyerɛfoɔ.[1][2]
Ɔfiri abusua a wɔyɛ nnwom hyehyɛfoɔ ne asawfoɔ a wɔasom awoɔ ntoatoasoɔ bebree sɛ sankubɔfoɔ ne nnwom hyehyɛfoɔ a wɔdi kan wɔ Anlo-Ewefoɔ a wɔwɔ Ghana anafoɔ apueɛ mu. Wɔ nnansa yi mfe mu no, Ladzekpo ne Ladzekpo abusua no mufo afoforo abɛyɛ nea wɔhwehwɛ kɛse sɛ akyerɛkyerɛfoɔ ne agoruyɛfo wɔ Ghana ne Afrika mmeaeɛ afoforo, Europa, Australia, ne Amerika. Wɔ California no, ɔne ne nuanom agye din yie wɔ wɔn afe afe dwumadi a wɔyɛ The Africans Are Coming, nnwom ne asaw kɔnsɛt a wɔde akuo a wɔgyina hɔ ma Afrikafoɔ amammerɛ ahodoɔ pii kyerɛ no ho.[3]
Sankubɔfoɔ a ne ho akokware a ɔfiri Ghana, Afrika Atɔe fam na mprempren wakɔ pɛnhyen ɔbenfo boafo wɔ West African Dance & Music wɔ UCLA ne California Institute of the Arts. Yeko Ladzekpo-Cole agya ne Agbi Ladzekpo papa nua barima.[4][5]
Ladzekpo nso wɔ n’ankasa adwumakuo a wɔkyere nnwom gu kasɛt so, Zadonu Records.
{{citation}}
: |last=
has generic name (help)