Kwame(pronounciation of "Kwame" (help·info)) yɛ kradin a Akanfoɔ de to barima a y'awo no Memeneda wɔ Ghanaman mu. Akanfoɔ de wɔn mma to ɛda a wɔwoo wɔn mma wɔ nnawɔtwe mu. Asantefoɔ, Fantefoɔ, Akyemfoɔ ne Akuapemfoɔ na ɛto saa din no Ghana ha. Obaa a yɛwoo no memeneda no yɛfrɛ no Ama.[1][2]
Akanfoɔ dodoɔ no ara wɔ sɛdeɛ wɔsi frɛ obi a y'awo no Memeneda ne sɛdeɛ wɔsi twerɛ no. Ɛwɔ sɛ nnipa a yɛwo wɔn da pɔtee bi no tumi fa saa da no su. Kwame mmrane ne "Atuapoma anaa Oteanankannuro" a ɛkyerɛ sɛ ɔkofoɔ anaa dunsinii a ɔyɛ ɔwɔ ho aduro.Wɔ Akan amammerɛ mu no yɛnya nna din firi abosome hɔ. Yɛnyaa  Kwame firii koyame ɛna Akan nna din Nyame. Kwame kyerɛ sɛ ɔdefoɔ, nyamesomfoɔ, obi a ɔwɔ apomuden, obi a ɔwɔ adom akyɛdeɛ bebree, obi a ɔte asɛm ase ɛna obi a ɔtumi siesie asɛm.[1][2]
Akan kasa | Edin |
---|---|
Asante | Kwame |
Akuapem | Kwame |
Fante | Kwamena/Ato[1] |
Nipa titire a obiara nim sɛ yɛwoo no memeneda a yɛfrɛ no Kwame yɛ ɔmanpanin a ɔgyee fahodie maa ɔman Ghana a yɛfrɛ no Kwame Nkrumah. Nnipa binom nso a yɛfrɛ wɔn Kwame ne:
{{cite web}}
: Unknown parameter |dead-url=
ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)