Peki yɛ kuro bi a ɛwɔ South Dayi Mansini a ɛwɔ Fram mantam wɔ Ghana. Ɛwɔ nkuro a ɛhyehyɛ mu bɛyɛ nnwɔtwe, a ebiara wɔ ahemfo -Tsame,Avetile,Afeviwofe,Blengo,Dzake,Wudome,Dzobati ne Adzokoe. Saa ahemfo nketewa yi nyinaa kaa ntam kyerɛɛ ɔhempɔ a wɔfrɛ no Deiga. Wɔfrɛ ɔhene a ɔde adwa so seisei no Deiga Kwadwo Sei XII. Ɛnam Peki ntoasoɔ sukuu so, E.P Seminary ne Aban kɔlegyi GOVCO so na ama kuro no agye din. [1][2]Sukuu no yɛ sukuu bi a ɛtɔ so mmienu wɔ hɔ.[3]
Kwadwo Sei Tutu Yao II frɛ Reverend Lorenz Wulf a ɛwɔ North German Missionary society ma no baa Peki. Wulf bɛduruu Obubuo bosome da a ɛtɔ so du nan wɔ afe apem ahannwɔte ne aduanan nson, ɛda a wɔde di Evangelical Presbyterian Asɔre kuo a ɛwɔ Ghana. Wɔ afe apem ahannwɔte ne aduanan nwɔtwe mu no ɔtee sukuu.[4]