Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon Samuel Atta Akyea MP | |
---|---|
![]() | |
MP for Akim Abuakwa South | |
Mprenpren | |
Bere January 2009 | |
Ɔmanpanyin | J. A. Mills, John D. Mahama, Nana Akufo-Addo |
Odikanfo | Nana Akufo-Addo |
Minister for Works and Housing | |
Bere 7 February 2017 – 7 January 2021 | |
Ɔmanpanyin | Nana Akufo-Addo |
Ne ho asɛm | |
Awo bere | 20 August 1962 Kyebi, Ghana |
Ne man | Ghanaian |
Amanyɔkuo | New Patriotic Party |
Mma | 3 |
Sukuu a w'akɔ | University of Ghana, Ghana School of Law |
N'adwuma | Politician |
N'adwuma | Lawyer |
Committees | Mines and Energy Committee (Chairperson); Subsidiary Legislation Committee; Special Budget Committee |
Samuel Atta Akyea (wɔwoo no 20 Ɔsanaa 1962)[1] yɛ Ghana mmaranimfoɔ ne amanyɔni. Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) a ɛwɔ Ghana no muni, ɔyɛɛ Ɔsoafo a ɔhwɛ Adwumayɛ ne Adan ho so (Minister for Works and Housing) kosii bosome Ɔpɛpɔn afe 2021, ne mprempren Mmarahyɛ Badwa no muni wɔ Akim Abuakwa Anafo Mmarahyɛbadwam mpɛsoa. Ɔyɛ onipa a ɔtɔ so mmienu (2) pɛ sɛ Ɔmampanyin Nana Akufo-Addo da nkyɛn a wɔapaw no sɛ saa Mmarahyɛbadwam mpɛsoa no Mmarahyɛbadwani wɔ Ghana Amansin a ɛtɔɔ so anan no mu (4th Republic of Ghana).[1]
Wɔwoo no wɔ Kyebi wɔ Ghana Apuei Fam mantam mu.[2] Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn, Legon (University of Ghana) na owiee sukuu no nyaa Bachelor of Arts abodin krataa wɔ Mmara ne Nyansapɛ mu (Bachelor of Arts degree in Law and Philosophy) wɔ afe 1989 mu.[2] Ɔkɔɔ Ghana Mmara Sukuu mu (Ghana School of Law) na onyaa ne tumi krataa a ɔde yɛ adwuma (practising license) wɔ afe 1993 mu.[2][3]
Bere a owiee mmaranim sukuu (law school) no wɔde no yɛɛ adwuma sɛ ɔman mmaranimfo (state attorney) wɔ Mmaranimfo Panyin Dwumadibea (Attorney General's Department).[2] Akyiri yi ɔde ne ho kɔbɔɔ ankorankoro mmara adwumayɛbea (private law firm), Akufo-Addo Prempeh & Co a ɛwɔ Nkran (Accra). Wɔ afe 1995 mu no, ɔde ne ho kɔbɔɔ ankorankoro mmara adwumayɛbea foforo, Zoe Akyea & Co., faako a wɔyɛɛ no ɔhokafo (partner) na ɔyɛɛ adwuma wɔ hɔ mfe dunan (14 years). Ogyaee kokoam mmara adwuma (private legal practice ) kosi akan (contest) wɔ afe 2008 Abuakwa Anafo (South) Mmarahyɛbadwam mpɛsoa abatoɔ no mu.[2]
Waware na ɔwɔ mma baasa (3) na ɔyɛ Kristoni. Ɔyɛ Amanaman Ntam Asɛmpa Asɔre (International Central Gospel Church) no muni.[4]
Atta Akyea nyaa Nobles Amanaman Ntam Abasobɔdeɛ firii Afrika Atɔe Fam Anuonyamfo Nhyiam foɔ nkyɛn. (West African Nobles Forum).[5]
Wɔ bosome Ɔbɛnem afe 2022 mu no, nnipa a wɔwɔ Abuakwa Anafo Mmarahyɛbadwam mpɛsoa no pam no. Wɔkyerɛe sɛ wantumi anni (failed to honor) ne ɔsatu bɔhyɛ ahorow (campaign promises) a ɔde maa nkurɔfo no so.[6]
Wɔ bosome Ɔbɛnem afe 2020 mu no, ɔde ahotew ho nneɛma bi maa ne Mmarahyɛbadwam mpɛsoa wɔ ɔko a wɔreko atia COVID-19 ɔyaredɔm no mu.[7]