Miss. Togbe Afede XIV | |
---|---|
Togbe | |
Odikanfo | Togbe Afede Asor II |
Ne ho asɛm | |
Awo bere | James Akpo 1957 Volta Region, Dominion of Ghana |
Ne man | Ghana |
Parents |
|
Sukuu a w'akɔ | University of Ghana,Legon. |
N'adwuma | Investment Banker |
Tɔgbe Afede XIV Sɛnea yɛbɔ edin "Tɔgbe Afɛdɛ XIV.ogg" (help·info) na awodin Yakubu Akpo yɛwoo no Oforsuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu mmiensa 23, wɔ afe aamu ahankron ne aduonum nson [1957] ɔyɛ Titinani a ɔda Ghana Ahenfo Badwakuo ano sane nso yɛ Agbogbomɛfia ma Asɔgliman ne Omanhene ɔda Asɔgliman ano wɔ Firao Mantam.[1] [2][3][4][5]
Tɔgbe na ɔda Wiase Dwabea Nkran Ghana Adwumakuo ano. Wɔtoo aba yii no sɛ ɔnkɔ ka saa Aduwmakuo yi Mpaninfoɔ ho wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-num mu (2015).
Tɔgbe nso na ɔtee Wiemuhɛyn Dwumakuo a ɔfere Africa World Wiemuhɛyn Dwumakuo a ɛyɛ Wiemuhyɛn Adwumakuo kɛse paa a ɛwɔ Ghana.[6]
Tɔgbe Afede XIV kɔɔ Sukuupɔn wɔ Ghana Suapɔn wɔ Nkran. Tɔgbe kuta abɔdin firi Yale Suapɔn wɔ Amerika.[7]
Togbe Afede XIV ne panin paa a ɔda National House of Chiefs a ɛyɛ Ghana nhemfo nyinaa nkabɔmkuo no ano.
ɔwɔ abɔdin krataa wɔ BSc Administration (Accounting Option) a ɔnya firii Ghana suapɔn kɛseɛ baako a yɛfrɛ no sɛ University of Ghana ɛna afei ɔsane nso kura MBA a ɔnyaa ɛno nso firii Yale University School of Management a ɛwɔ United States aborokyiri man mu. ɔno na ɔtee adwumakuo a yɛfrɛ no SAS Finance Group Ltd, an investment banking firm, ne Strategic Initiatives Ltd, afei private equity and portfolio investment firm a ne nyinaa nso ɔno ne panin paa a ɔda ano .
Ɔwɔ adwuma mu suahunu bɛboro mfie du-nwɔtwe (18 years) sɛ investment banker ne entrepreneur.[8]
Togbe yɛ panini wɔ World Trade Center Accra mpanimfoɔ no mu na wɔtoo aba maa no sɛ ekuoba wɔ Board of Directors ma awiase nyinaa dwadie beaeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne dunum (2015) mu.[9][10][11] Togbe tee SAS finance Group Ltd, constituting Strategic African Securities Ltd, a stock brokerage and corporate finance advisory firm, and SAS Investment Management Ltd, an asset management firm.[12] Ɔsan so tee Strategic Initiatives Ltd (SIL) a portfolio and private equity investment firm, na ɔka wɔn a wɔtee Sunon Asogli eyinam ahoɔden Power Ghana Ltd, Databank Financial Services ne Africa World Airlines Ltd.[13]
Na ɔsan so yɛ wiemhyɛnkafoɔ boafoɔ ma Embraer 145 wiemhyɛn ma Abibirem Wiase nyinaa wiemhyɛn dwumakuo na ɔno na ɛkaa wiemuhyɛn a di kan a ebesii wɔ Ho wiemhyɛn gyinabea wɔ Oforisuo bosome wɔ mfeɛ mpem aduonu ne aduonu baako (2021) mu.[14]
Abɔdin | Dwumakuo | Mmerɛ a ɔde tenaa so |
---|---|---|
Board Member | World Trade Centers Association | Firi mfeɛ mpem mmienu ne dunum (2015) mu ɛde besi seesie |
Chairman | Pioneer Kitchenware Ltd | Firi mfeɛ mpem mmienu ne nsia (2006) mu ɛde besi seesie |
Chairman | Accra Hearts of Oak FC Ltd | Firi mfeɛ mpem mmienu ne dubaako mu (2011) ɛde besi seesie |
Co-Chairman | Africa World Airlines | Firi mfeɛ mpem mmienu ne du mu (2010) ɛde besi seesie |
Chairman | National Investment Bank | Firi mfeɛ mpem mmienu ne dunson mu (2017) mu ɛde kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne dunkron mu (2019) |
Board Member | Bank of Ghana | Firi mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa mu (2003) ɛde kɔsi mfeɛ mpem mmienu ne dummiɛnsa mu (2013) |
Board Member | Aluworks Ghana Ltd | Firi mfeɛ mpem mmienu ne mmienu mu (2002) ɛde besi seesie |
Board Member | Ensign College of Public Health |
Togbe Afede, agye abasobɔdeɛ pii wɔ ɔman Ghana mu ne nkrɔfoɔ aman so (national and international awards).
Saa abasobɔdeɛ ahodoɔ yi bi ne: Liberia’s Golden Image Award a ɔgyee no wɔ afe mpem mmienu ne du-baako mu ( 2011) a na ɛfa asodwoe mpuntuo dwumadie ho (peace development initiatives) , a ɔmanpanin a saa berɛ no na ɔdi Liberia so, Madam Ellen Johnson Sirleaf na ɔde maa no, ɛbi nso ne "the Order of the Volta Officer", Ghana mampanin dadaa J.A. Kufuor, na ɔde maa no wɔ (kitawonsa bosome da a ɛtɔ so mmiensa wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe mu [2008]), abasobɔdeɛ no bio nso ne Planters of Seed Award a ɔgyee no wɔ Ghana Club 100 Awards dwumadie ase.
Ɛwɔ "Millennium Excellence "Abasobɔdeɛ a ɛkɔ si wɔ Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ du-num wɔ afe mpem mmienu ne num mu no, bɔ Togbe abaso sɛ ɔno ne nipa waboa ama ɛkuo no atumpɔm.[8]
{{cite web}}
: Unknown parameter |dead-url=
ignored (help)CS1 maint: archived copy as title (link)
{{cite web}}
: CS1 maint: archived copy as title (link)
{{citation}}
: CS1 maint: archived copy as title (link)