United Ghana Movement yɛ amanyɔkuo bi a ɛwɔ Ghana. Charles Wereko-Brobby a na ɔyɛ ɔsono amanyɔkuo New Patriotic Party ekuoba na ɔyɛ amanyɔkuo no nyinaa kɔfabaeɛ.
Wɔde amanyɔkuo no din kɔɔ abatoɔ kɔmisa nkrataa mu sɛ amanyɔkuo a ɛwɔ Ghana wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so du wɔ afe apem ahankron ne aduokron nson mu.[1]
Mfeɛ mpem mmienu abatoɔ
Mfeɛ mpem mmienu wɔ ɔpɛnimaa bosome mu ne abatoɔ a ɛdikan a amanyɔkuo no yɛɛ anamusini sɛ ɔmanpanin ne mmarahyɛbedwani. Charles Wereko-Brobby gyinaa amanyɔkuo no anan mu sɛ ɔmanpanin wɔ ɔpɛnimaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu mu na ɛtɔɔ so nson a ɔnyaa mma 0.3%.[2] Saa amanyɔkuo no kɔperee mmarahyɛbedwa akonnwa no saa afe no ara mu nso wanya aba biara. Mmarahyɛbedwa abatoɔ
Election | Number of UGM votes | Share of votes | Seats | +/- | Position | Outcome of election |
---|---|---|---|---|---|---|
2000[3] | 32,632 | 0.50% | 0 | — | 6th | Not represented in parliament |
Amanpaninfoɔ abatoɔ
Election | Candidate | Number of votes | Share of votes | Outcome of election |
---|---|---|---|---|
2000[3] | Charles Wereko-Brobby | 22,123 | 0.34% | 7th of 7 |
Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmienu no mu, ɔkandifoɔ a ɔda amanyɔkuo no ano, Wereko-Brobby detoo dwa sɛ amanyɔkuo no kɔ ahomegyeɛ.[4]
Amanyɔkuo no ahyɛnsodeɛ na ɛdidisoɔ yi.[1]