Victoria Lakshmi Hamah yɛ amanyɔni a ɔdɔm NDC kyiniiɛ amanyɔkuo no wɔ ɔman Ghana mu.
Wɔ afe mpem mmienu ne du-mmienu abatoɔ mu no, ɔkɔpree Ablekuma West abatoɔ mpesua so akonnwa no sɛ mmarahyɛbadwani [1]. Ɔsomm sɛ ɔsoafoɔ abadiakyire a ɔhyɛ nkitahodie nsɛm so wɔ Owura John Dramani Mahama amammuo mu de kɔsii ahinime bosome no da a ɛtɔ so nnwɔtwe wɔ afe mpem mmienu ne du-mmiensa mu a na ɛyɛ Fiada.
Mprɛnprɛn yi deɛ ɔno na ɔdan mmaa kuo a ɛnhyɛ aban ase a yɛfrɛ wɔn Progressive Organisation for Women Advancement[2] (POWA)
Yɛyii Victoria Lakshmi Hamah firii ne diberɛ sɛ ɔsoafoɔ abadiakyire a ɔhwɛ nkitahodie so wɔ afe mpem mmienu ne du-mmiensa mu berɛ a nsɛm bi a na watwe agu apawa so a na ɔne ne yɔnko bi retwetwe nkɔmmɔ na ɔde too dwa sɛ ɔmfiri amanyɔsɛm seisei kɔsi sɛ ɔbɛnya sika bɛyɛ America dollar no ɔpepem baako (US$ 1m).[3][4] wɔ nkɔmmɔ twetwee no mu no, amanyɔfoɔ ahodoɔ dii baa mu a na ɛkyerɛ sɛ wɔn nso di kɛtɛasehyɛ ne prɔeɛ ho dwuma.[5]